Ahemfo II
Ahemfo II
Ahemfo II
1
Na Ahab wuo akyiri no Moab tee Israel so atua. 2Na Ahasia firii n'abansoro dan a
ɛwɔ Samaria no mpomma mu te hwee fam, na ɔyaree; na ɔsomaa abɔfoɔ, na ɔka kyerɛɛ
wɔn sɛ: Monkɔ nkɔbisa Ekron nyame Baalsebub, sɛ mɛnya yadeɛ yi mu nkwa anaa?
3Na AWURADE bɔfoɔ ka kyerɛɛ Tisbini Elia sɛ: Sɔre foro kɔhyia Samariahene abɔfoɔ
no,
na bisa wɔn sɛ: Onyankopɔn bi nni Israel nti na morekɔ akɔbisa Ekron nyame
Baalsebub hɔ adeɛ yi anaa?
4 Enti AWURADE se: Mpa a woaforɔ no, woremfiri so nsiane, na wuo na wobɛwuo! Na
Elia kɔeɛ.
5 Ɛnna abɔfoɔ no sane baa ne nkyɛn, na ɔbisaa wɔn sɛ: Adɛn na moasane aba yi?
6Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Ɔbarima bi foro bɛhyiaa yɛn, na ɔka kyerɛɛ yɛn sɛ: Monsane
nkɔ ɔhene a ɔsomaa mo no nkyɛn nkɔka nkyerɛ no sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Aso onyame
bi nni Israel nti na woasoma rekɔ Ekron nyame Baalsebub hɔ adebisa yi? Yei nti, mpa
a woaforɔ no, woremfiri so nsiane, na wuo na wobɛwuo.
7Na ɔbisaa wɔn sɛ: Ɔbarima a ɔforo ba bɛhyiaa mo na ɔkaa mo nsɛm yi no te sɛn?
8Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Atadeɛ a ɔhyɛ no yɛ aboa nwi, na nwoma abɔsoɔ bɔ n'asene. Na
ɔse: Ɛyɛ Tisbini Elia.
Elia ne asafohene baasa no
9Na ɔsomaa aduonum so safohene ne n'aduonum no kɔɔ ne nkyɛn. Na ɔforo kɔɔ Elia
nkyɛn, na hwɛ, na ɔte bepɔ no atifi. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Nyankopɔn nipa, ɔhene se:
Siane bra. 10 Na Elia bua see aduonum so safohene no sɛ: Sɛ Nyankopɔn nipa ne me a,
ogya mfiri soro nsiane mmɛhye wo ne w'aduonum no! Na ogya firi soro ba bɛhyee ɔno
ne n'aduonum no.
11 Na ɔsane somaa aduonum so safohene foforɔ ne n'aduonum no kɔɔ ne nkyɛn. Na ɔsee
no sɛ, Nyankopɔn nipa, ɔhene ahyɛ sɛ: Yɛ ntɛm siane bra. 12 Na Elia bua see wɔn sɛ:
Sɛ Nyankopɔn nipa ne me a, ogya mfiri soro nsiane mmɛhye wo ne w'aduonum! Na
Nyankopɔn gya firi soro ba bɛhyee ɔno ne n'aduonum no.
13 Na ɔhene somaa aduonum so safohene a ɔtɔ so mmiɛnsa ne n'aduonum. Na aduonum so
safohene a ɔtɔ so mmiɛnsa no foro kɔe, na ɔkɔkotoo ne nankoroma anim Elia anim, na
ɔpaa no kyɛw sɛ: Nyankopɔn nipa, ma me kra ne wo nkoa aduonum yi kra boɔ nyɛ den
w'ani so.
14Hwɛ, ogya afiri ɔsoro aduru abɛhye akane aduonum so asafohene baanu no ne wɔn
aduonum aduonum no, na afei ma me kra boɔ nyɛ den w'ani so.
15 Ɛnna AWURADE bɔfoɔ ka kyerɛɛ Elia sɛ: Ɛne no nsiane nkɔ, nsuro n'anim. Na
ɔsɔree ne no siane kɔɔ ɔhene no nkyɛn.
Ahasia wuo
16 Na Elia ka kyerɛɛ ɔhene no sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Ɛsiane sɛ woasoma abɔfoɔ sɛ
wɔnkɔbisa Ekron nyame Baalsebub hɔ adeɛ, sɛdeɛ onyame bi nni Israel a wɔkɔbisa no
asɛm nti, mpa a woaforɔ no, woremfiri so nsiane, na wuo na wobɛwuo.
17Na ɔwui, sɛ AWURADE asɛm a Elia kaeɛ no. Na Yehoram sii n'ananmu dii hene,
Yudahene Yehosafat ba Yehoram afe a ɛtɔ so mmienu so, ɛfiri sɛ na ɔnni ɔbabarima.18
Na Ahasia ho nsɛm nkaeɛ, deɛ ɔyɛeɛ no, wɔntwerɛɛ no Israel Ahemfo Berɛsosɛm Nwoma
no mu anaa?
X-X-X
Ahemfo II 2
Elia sorokorɔ
2
Na AWURADE rebɛfa Elia ahum mu akɔ ɔsoro no, na Elia ne Elisa firi Gilgal rekɔ. 2Na
Elia ka kyerɛɛ Elisa sɛ: Mesrɛ wo tena ha ɛ, na AWURADE asoma me Betel. Na Elisa
kaa sɛ: Sɛ AWURADE te aseɛ na wo kra te aseɛ yi, merennya wo hɔ. Na wɔsii mu kɔɔ
Betel. 3Na adiyifoɔ mma a wɔwɔ Betel no firii adi baa Elisa nkyɛn bɛbisaa no sɛ:
Wonim sɛ ɛnnɛ AWURADE rebɛfa wo wura afiri wo nkyɛn akɔ? Na ɔse: Aane, me nso
menim; monyɛ komm!
4Na Elia ka kyerɛɛ no sɛ: Elisa, tena ha ɛ, na AWURADE asoma me Yeriko.
Na ɔse: Sɛ AWURADE te aseɛ na wo kra te aseɛ yi, merennya wo hɔ. Na wɔkɔɔ Yeriko.
5Na adiyifoɔ mma a wɔwɔ Yeriko no twe baa Elisa nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Wonim sɛ
ɛnnɛ AWURADE bɛfa wo wura afiri wo nkyɛn? Na ɔse: Aane, me nso menim; monyɛ komm!
6Na Elia ka kyerɛɛ no sɛ: Tena ha ɛ, AWURADE asoma me Yordan ano. Na ɔse: Sɛ
AWURADE te aseɛ na wo kra te aseɛ yi, merennya wo hɔ. Na wɔn baanu no kɔe.
7Na adiyifoɔ mma no mu aduonum kɔ kɔgyinagyinaa wɔn ntentensoɔ akyirikyiri, na wɔn
baanu no gyinaa Yordan ano.
8Na Elia faa ne ngusoɔ bobɔ de bɔɔ nsuo no mu, na ɛpae kɔɔ ha ne ha, na wɔn baanu
no nam asase pɛsɛɛ so twae.
9Na ɛbaa sɛ wɔtwaeɛ no, Elia ka kyerɛɛ Elisa sɛ: Bisa deɛ menyɛ mma woɔ ansa na
wɔafa me afiri wo nkyɛn akɔ. Na Elisa kaa sɛ: Ma wo honhom abupɛn mmienu mmra me
so.
10 Na ɔkaa sɛ: Woabisa adeɛ a ɛyɛ den; sɛ wohu me sɛ wɔrefa me afiri wo nkyɛn a,
ɛbɛyɛ saa ama wo; na sɛ anyɛ saa a, ɛrenyɛ. 11 Na wɔnam rekorɔ na wɔrekasa no, hwɛ,
ogya teaseɛnam ne ogya apɔnkɔ ba bɛpaee wɔn baanu no ntam, na Elia faa ahum mu foro
kɔɔ ɔsoro.
12 Na Elisa hwɛe na ɔteaa mu sɛ: M'agya, m'agya! Israel teaseɛnam ne
n'apɔnkɔsotefoɔ na ɔrekorɔ no! Na wanhu no bio.
Na ɔsɔɔ n'atadeɛ mu suanee mu mmienu.
13 Na ɔmaa Elia ngusoɔ a ɛfiri ne ho guiɛ no so, na ɔsane bɛgyinaa Yordan ano.
14 Na ɔde Elia ngusoɔ a ɛfiri ne ho guiɛ no bɔɔ nsuo no mu kaa sɛ: Ɛhe na AWURADE,
Elia Nyankopɔn no ara wɔ? Na ɔbɔɔ nsuo no mu, na ɛpae kɔɔ ha ne ha, na Elisa twae.
15 Na adiyifoɔ mma a wɔwɔ Yeriko a wɔwɔ ntentensoɔ no hunuu no, na wɔkaa sɛ: Elia
honhom abɛsi Elisa so. Na wɔba bɛhyiaa no, na wɔkotoo no butuu fam. 16 Na wɔka
kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, mmarima aduonum a wɔn ho yɛ den wɔ wo nkoa mu, ma wɔnkɔ
nkɔhwehwɛ wo wura; na ebia sɛsɛɛ AWURADE honhom ama ne so kɔ de no akɔto mmepɔ no
bi so, anaa mmonhwa no bi mu. Na ɔse: Monnsoma!
17Na wɔhyɛɛ no ara maa no yɛɛ no ahometeɛ no, ɔkaa sɛ: Monsoma! Na wɔsomaa mmarima
aduonum, na wɔkɔhwehwɛ no nnansa, nanso wɔanhu no.
18 Na wɔsane baa ne nkyɛn berɛ a ɔretwɛn wɔ Yeriko. Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Manka
mankyerɛ mo sɛ monnkɔ anaa?
Elisa yɛ nsɛnkyerɛnneɛ
19 Na kuro no mufoɔ no ka kyerɛɛ Elisa sɛ: Hwɛ, kuro yi dabea yɛ fɛ, sɛdeɛ me wura
hunu yi; nanso nsuo no nyɛ, na asase no nso awu.
20 Na ɔse: Mommrɛ me ayowa foforɔ, na momfa nkyene ngu mu. Na wɔde brɛɛ no.
21 Na ɔfirii adi kɔɔ nsuo aniwa no ho, na ɔkɔhwiee nkyene no guu mu hɔ, na ɔkaa sɛ:
Sɛ AWURADE seɛ nie: Masa nsuo yi yadeɛ, owuo anaa apɔn biara remfiri mu hɔ mma bio.
22 Na nsuo no yɛɛ yie de bɛsi nnɛ da yi, sɛdeɛ Elisa kaeɛ no.
23 Na ɔfirii hɔ foro kɔɔ Betel; na ɔreforo akɔ ɔkwan no soɔ no, mmɔfra nketewa bi
firii kuro no mu ba bɛgoroo ne ho ka kyerɛɛ no sɛ: Atipa, foro bra ɛ, atipa, foro
bra ɛ!
24Ɛnna ɔdanee ne ho, na ɔhunuu wɔn no, ɔde AWURADE din domee wɔn. Na asisirebereɛ
mmienu firi kwaeɛ no mu ba bɛtetee wɔn mu mmɔfra aduanan mmienu.
25 Na ɔfiri hɔ kɔɔ Bepɔ Karmel ho, na ɔfirii hɔ nso sane baa Samaria.
X-X-X
Ahemfo II 3
X-X-X
Ahemfo II 6
Berɛ pa wɔ Samaria
7
Ɛnna Elisa kaa sɛ: Montie AWURADE asɛm: Sɛ AWURADE seɛ nie: Ɔkyena sɛsɛɛ ayuosiam
susuo adeɛ baako bɛdi dwetɛbena, na atokoɔ susuo adeɛ mmienu bɛdi dwetɛbena Samaria
kuro pono ano.
2 Ɛnna okunini a ɔhene twere ne nsa soɔ no buaa Nyankopɔn nipa no sɛ: Hwɛ, sɛ
AWURADE reyɛ mpomma ɔsoro mpo a, saa asɛm yi bɛbam anaa? Na ɔse: Wo ara wode w'ani
bɛhunu, na worenni bi.
3 Na mmarima akwatafoɔ baanan wɔ kuro no pono ano, na wɔsesee wɔn ho wɔn ho sɛ:
Adɛn na yɛtete ha kɔsi sɛ yɛbɛwuwuo? 4Sɛ yɛse: Yɛbɛhyɛne kuro no mu a, ɛnneɛ ɛkɔm
wɔ kuro no mu na yɛbɛwuwu hɔ; na sɛ yɛtete ha yi nso a, yɛbɛwuwu; na afei mommra
mma yɛnkɔhwɛ Siriafoɔ nsraban no mu, sɛ wɔgye yɛn nkwa a, yɛbɛtena ase, sɛ wɔku yɛn
nso a, yɛawu.
5Na wɔsɔree anwummerɛ fɔmm sɛ wɔrekɔ Siriafoɔ nsraban mu: Na wɔduruu Siriafoɔ
nsraban no ano, na hwɛ, onipa biara nni hɔ.
6Na AWURADE ama Siriafoɔ dɔm ate nteaseɛnam ne apɔnkɔ ne dɔm kɛseɛ nka, na wɔsesee
wɔn ho wɔn ho sɛ: Hwɛ, Israel hene akɔgye Hetifoɔ ahemfo ne Misraim ahemfo adɔm
atia yɛn sɛ wɔmmra yɛn so.
7Enti anwummerɛ no wɔasɔre adwane, na wɔagyigya
wɔn ntomadan ne wɔn apɔnkɔ ne wɔn mfunumu ne nsraban no sɛdeɛ ɛteɛ no, na wɔn nkwa
nti wɔadwane.
8Na akwatafoɔ no duruu nsraban no ano no, wɔkɔɔ ntomadan baako mu kɔdidii nomee,
na wɔfaa dwetɛ ne sika ne ntoma firii hɔ kɔe de kɔhuntae, na wɔsane ba bɛhyɛnee
ntomadan foforɔ mu, na wɔfaa hɔ adeɛ nso, na wɔde kɔ kɔhuntae.
9Ɛnna wɔsesee wɔn ho wɔn ho sɛ: Deɛ yɛreyɛ yi nyɛ, ɛnnɛ da yi yɛ asɛmpa da, na yɛn
deɛ, yɛayɛ komm yi; na sɛ yɛtwɛn kɔsi adekyeeɛ a, asotwe bi bɛda yɛn so; na afei
momma yɛnkɔ ahemfie nkɔka!
10 Na wɔba bɛfrɛɛ kuro no apono ano ahwɛfoɔ, na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Yɛkɔɔ Siriafoɔ
nsram, na hwɛ, onipa biara ne onipa nne biara nni hɔ gye apɔnkɔ a wɔasesa wɔn ne
mfunumu a wɔasesa wɔn ne ntomadan no, sɛdeɛ ɛteɛ.
11 Na ɛpono ano ahwɛfoɔ no frɛe maa wɔkɔkaa no ahemfie.
12 Ɛnna ɔhene sɔree anadwo no, na ɔka kyerɛɛ ne nkoa sɛ: Mɛkyerɛ mo deɛ Siriafoɔ
ayɛ yɛn yi: Wɔnim sɛ ɛkɔm de yɛn, enti na wɔafiri nsram hɔ korɔ sɛ wɔrekɔhunta
wiram, na sɛ wɔfiri kuro no mu ba a, yɛakye wɔn animono, na yɛakɔhyɛne kuro no mu.
13 Na ne nkoa no mu baako buaa sɛ: Ɛnneɛ ma wɔmfa apɔnkɔ nkaeɛ a wɔaka kurom ha no
mu nnum, hwɛ, wɔte sɛ Israel dodoɔ a wɔaka mu no, hwɛ wɔte sɛ Israel dodoɔ a
wɔahyeɛ no, na ma yɛnsoma wɔn na yɛnhwɛ.
14 Na wɔfaa apɔnkɔ nteaseɛnam mmienu na ɔhene somaa wɔn maa wɔdii Siriafoɔ dɔm no
akyiri sɛ: Monkɔ nkɔhwɛ!
15 Na wɔdii wɔn akyi de kɔduruu Yordan ano, na hwɛ, ntadeɛ ne nnoɔma nnoɔma a
Siriafoɔ atoto agu wɔn ntɛmpɛ no mu ayɛ ɔkwan no nyinaa so ma. Na abɔfoɔ no sane ba
bɛka kyerɛɛ Ɔhene.
16 Ɛnna nkurɔfoɔ no firii adie kɔfom Siriafoɔ nsraban no. Na esiam susuo adeɛ baako
tiriboɔ bɛyɛɛ dwetɛbena, na ɛmo susuo adeɛ mmienu nso yɛɛ dwetɛbena, sɛdeɛ AWURADE
asɛm no teɛ no.
17Na ɔhene yii okunini a ɔtwere ne nsa soɔ no sɛ ɔnhwɛ ɛpono ano; na nkurɔfoɔ no
tiatiaa ne so ɛpono no mu, na ɔwui, sɛdeɛ Nyankopɔn nipa no kasa a ɔhene siane baa
ne nkyɛn no, ɔkaeɛ no.
18 Na ɛbaa mu sɛdeɛ Nyankopɔn nipa no ka kyerɛɛ ɔhene no sɛ: Atokoɔ susuo adeɛ bɛyɛ
dwetɛbena, na ayuosiam susuo adeɛ baako nso ayɛ dwetɛbena ɔkyena sɛsɛɛ Samaria kuro
pono ano.
19 Na ɔsafohene no buaa Nyankopɔn nipa no sɛ: Na hwɛ, sɛ AWURADE reyɛ mpomma ɔsoro
mpo a, ɛbɛyɛ sɛ saa asɛm yi anaa? Na ɔse: Hwɛ, wo deɛ, wode w'ani bɛhunu, na
worenni bi.
20 Na ɛyɛɛ no saa ara, na nkurɔfoɔ no tiatiaa no kuro pono no mu, na ɔwui.
X-X-X
Ahemfo II 8
X-X-X
Ahemfo II 10
X-X-X
Ahemfo II 15
Asaria di Yuda so hene
Israelhene Yeroboam afe a ɛtɔ so aduonu nson mu na Yudahene Amasia ba Asaria bɛdii
hene.
2 Ɔbɛdii hene no, na wadi mfeɛ dunsia, na ɔdii hene mfirinhyia aduonum mmienu wɔ
Yerusalem. Na ne na din ne Yekolia a ɔfiri Yerusalem. 3Na ɔyɛɛ deɛ ɛtene AWURADE
ani so, sɛdeɛ n'agya Amasia yɛeɛ no nyinaa;
4 gye sorɔnsorɔmmea no na wɔanyie; na ɔman no kɔɔ so bɔɔ afɔdeɛ na wɔhyee aduhwam
wɔ
sorɔnsorɔmmea no so.
5Na AWURADE bɔɔ ɔhene no maa no yaree kwata de kɔsii ne wuda; na ɔkɔtenaa fie
foforɔ a obiara nte mu, na ɔhene ba Yotam na ɔdii efie no soɔ na ɔbuu asase no
sofoɔ atɛn.
6Na Asaria ho nsɛm nkaeɛ ne deɛ ɔyɛeɛ nyinaa, wɔantwerɛ no Yuda Ahemfo Berɛsosɛm
Nwoma no mu?
7Na Asaria tii n'agyanom wɔ asamando, na wɔsiee no kaa n'agyanom ho Dawid kuro mu;
na ne ba Yotam bɛdii n'adeɛ.
Sakaria di Yuda so hene
8 Yudahene Asaria afe a ɛtɔ so aduasa nwɔtwe mu na Yeroboam ba Sakaria bɛdii Israel
so hene Samaria. Ɔdii hene abosome nsia.
9Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne sɛdeɛ n'agyanom yɛeɛ no; wamfiri Nebat ba Yeroboam
bɔne a ɔmaa Israel yɛeɛ no ho. 10 Na Yabes ba Salum pam ne tiri so, na ɔbɔɔ no
Ibleam kumm no, na ɔsii n'ananmu dii hene.
11 Na Sakaria ho nsɛm nkaeɛ no, hwɛ, wɔatwerɛ no Israel Ahemfo Berɛsosɛm Nwoma no
mu.
12 (Ɛno ne AWURADE asɛm no a ɔka kyerɛɛ Yehu sɛ: W'awoɔ ntoatoasoɔ a ɛtɔ so nnan mu
mma bɛtena Israel adwa so no baa mu.)
Salum di Israel so hene
13Yabes ba Salum bɛdii hene, Yudahene Usia afe a ɛtɔ so aduasa nkron mu; na ɔdii
hene bosome wɔ Samaria.14 Na Gadi ba Menahem firii Tirsa foro baa Samaria, na
ɔbɛbɔɔ Yabes ba Salum wɔ Samaria kumm no, na ɔsii n'ananmu dii hene.
15 Na Salum ho nsɛm nkaeɛ ne n'apam a ɔpameeɛ no, hwɛ, wɔatwerɛ no Israel Ahemfo
Berɛsosɛm Nwoma no mu.
16 Ɛberɛ no mu no Menahem firii Tirsa kɔkum Tifsa ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa ne ɛho
asase, ɛfiri sɛ wɔanhini no nti, ɔkum wɔn, na ɔpaepaee emu anyinsɛnfoɔ nyinaa mu.
Menahem di Israel so hene
17Yudahene Asaria afe a ɛtɔ so aduasa nkron mu na Gadi ba Menahem bɛdii Israel so
hene mfeɛ du wɔ Samaria. 18 Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne, wamfiri Nebat ba Yeroboam
a ɔmaa Israel yɛɛ bɔne no bɔne ho ne nna nyinaa. 19Asiriahene Pul baa asase no so,
na Menahem maa Pul dwetɛ dwetikɛseɛ apem, sɛ ɔmmoa no nhyɛ ne nsa mu den, n'ahennie
no mu.
20 Na Menahem gyegyee Israel hɔ toɔ, mmarima a wɔbɛtumi nyinaa hɔ dwetɛ nnwetɛbena
aduonum aduonum, sɛ ɔde rekɔma Asiriahene. Ɛnna Asiriahene nsa kaeɛ no ɔsaneeɛ, na
wannyina asase no so hɔ.
21 Na Menahem ho nsɛm nkaeɛ ne deɛ ɔyɛeɛ nyinaa, wɔantwerɛ no Israel Ahemfo
Berɛsosɛm Nwoma no mu?
22 Na Menahem tii n'agyanom wɔ asamando, na ne ba Pekahia bɛdii n'adeɛ.
Pekahia di Israel so hene
23Yudahene Asaria afe a ɛtɔ so aduonum mu na Menahem ba Pekahia bɛdii Israel so
hene Samaria mfeɛ mmienu.
24 Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne. Wamfiri Nebat ba Yeroboam a ɔmaa Israel yɛɛ bɔne no
bɔne ho.
25 Na ne kunini Peka a ɔyɛ Remalia ba pam ne tiri so, na ɔbɔɔ no Samaria ahemfie
aban mu, ɔne Argob ne Arie, na Gileadfoɔ mma mu mmarima aduonum ka ne ho; na ɔkumm
no, na ɔbɛdii n'adeɛ.
26 Na Pekahia ho nsɛm nkaeɛ ne deɛ ɔyɛeɛ nyinaa, hwɛ, wɔatwerɛ no Israel Ahemfo
Berɛsosɛm Nwoma mu.
27Yudahene Asaria afe a ɛtɔ so aduonum mmienu mu na Remalia ba Peka bɛdii Israel so
hene Samaria mfeɛ aduonu.
28 Na ɔyɛɛ AWURADE ani so
bɔne. Wamfiri Nebat ba Yeroboam a ɔmaa Israel yɛɛ bɔne no bɔne ho. 29Israelhene
Peka berɛ so na Asiriahene Tiglat-pileser ba bɛfaa Iyon, Abel-bet- maaka, Yanoa,
Kedes, Hasor, Gilead ne Galilea, Naftali asase nyinaa, na ɔtuu wɔn kɔɔ Asiria.
30 Na Ela ba Hosea pam Remalia ba Peka tiri so, na ɔbɔɔ no kumm no, na ɔbɛdii
n'adeɛ Usia ba Yotam afe a ɛtɔ so aduonu mu. 31 Na Peka ho nsɛm nkaeɛ ne deɛ ɔyɛeɛ
nyinaa, hwɛ, wɔatwerɛ no Israel ahemfo berɛsosɛm nwoma no mu.
Yotam di Yuda so hene
32 Israelhene Remalia ba Peka afe a ɛtɔ so mmienu mu na Yudahene Usia ba Yotam
bɛdii hene.
33Ɔbɛdii hene no, na wadi mfeɛ aduonu nnum, na mfirinhyia dunsia na ɔdii hene
Yerusalem. Na ne na din de Yerusa a ɔyɛ Sadok babaa. 34 Na ɔyɛɛ deɛ ɛtene AWURADE
ani so, sɛdeɛ n'agya Usia yɛeɛ nyinaa na ɔyɛeɛ;
35gye sorɔnsorɔmmea na wanyiyie, na ɔman no kɔɔ so bɔɔ afɔdeɛ, hyee nnuhwam wɔ so.
Ɔno na ɔsii AWURADE fie pono a ɛkorɔn no.
36 Na Yotam ho nsɛm nkaeɛ ne deɛ ɔyɛeɛ nyinaa, wɔantwerɛ no Yuda ahemfo berɛsosɛm
nwoma no mu?
37Nna no mu na AWURADE firii aseɛ somaa Siriahene Resin ne Remalia ba Peka baa Yuda
soɔ.
38 Na Yotam tii n'agyanom wɔ asamando, na wɔsiee no kaa n'agyanom ho, n'agya Dawid
kuro mu, na ne ba Ahas bɛdii n'adeɛ.
X-X-X
Ahemfo II 16
X-X-X
Ahemfo II 22
Ti 22
Yosia di Yuda so hene
Yosia bɛdii hene no, na wadi mfirinhyia nwɔtwe, na ɔdii hene mfeɛ aduasa baako wɔ
Yerusalem. Na ne na din de Yedida a ɔyɛ Adaia a ɔfiri Boskat ba. 2Na ɔyɛɛ deɛ ɛtene
AWURADE ani so, na ɔnantee n'agya Dawid kwan nyinaa mu, na wammane ankɔ nifa anaa
benkum.
3Na Ɔhene Yosia afe a ɛtɔ so dunwɔtwe no mu no, ɔhene somaa Mesulam ba Asalia ba
Ɔtwerɛfoɔ Safan maa no kɔɔ AWURADE fie sɛ: 4Kɔ ɔsɔfo panin Hilkia nkyɛn, na ɔmmu
sika a wɔde baa AWURADE fie a ɛpono ano ahwɛfoɔ aboa ano afiri ɔman no nsam no ho
nkonta mma wo,
5na wɔmfa nhyɛ wɔn a wɔyɛ adwuma no a wɔde wɔn asisi AWURADE fie soɔ no nsam, na
wɔmfa mma AWURADE fie mu adwumayɛfoɔ no sɛ wɔnsiesie efie no mu adango no,
6ne nnua adwumfoɔ ne adansifoɔ ne abantofoɔ no, na wɔmfa ntotɔ nnua ne aboɔ a
wɔatwa, na wɔmfa nsiesie efie no; 7nanso wɔne wɔn mmmu sika a wɔde ahyɛ wɔn nsa no
ho nkonta, ɛfiri sɛ wɔyɛ no nokorɛ mu.
Wɔhunu mmara nwoma no
8Na ɔsɔfo panin Hilkia ka kyerɛɛ Ɔtwerɛfoɔ Safan sɛ: Mahunu mmara nwoma no AWURADE
fie. Na Hilkia de nwoma no maa Safan, na ɔkenkanee. 9Na Ɔtwerɛfoɔ Safan baa ɔhene
nkyɛn, na ɔde mu asɛm brɛɛ ɔhene sɛ: Wo nkoa ahwie sika a wɔhunuu no efie no mu no
agu hɔ, na wɔde ahyɛ wɔn a wɔyɛ adwuma no a wɔde wɔn asisi AWURADE fie soɔ no nsa.
10 Na Ɔtwerɛfoɔ Safan bɔɔ din kyerɛɛ ɔhene sɛ: Ɔsɔfoɔ Hilkia de nwoma bi ama me. Na
Safan kenkanee no ɔhene anim.
11 Na ɛbaa sɛ ɔhene tee mmara nwoma no mu nsɛm no, ɔsunsuanee ne ntadeɛ mu.
12 Na ɔhene hyɛɛ Ɔsɔfoɔ Hilkia ne Safan ba Ahikam ne Mikaia ba Akbor ne Ɔtwerɛfoɔ
Safan ne ɔhene akoa Asaia sɛ:
13Monkɔ nkɔbisa AWURADE mma me, ne ɔman yi ne Yuda nyinaa, nwoma a moahunu yi mu
nsɛm no nti, na AWURADE abufuhyeɛ a adɛre atia yɛn no yɛ kɛseɛ, ɛfiri sɛ yɛn
agyanom antie nwoma yi mu nsɛm no, sɛ wɔbɛyɛ sɛdeɛ wɔatwerɛ no yɛn ho no.
Odiyifoɔ baa Hulda
14 Na Ɔsɔfoɔ Hilkia ne Ahikam ne Akbor ne Safan ne Asaia kɔɔ Odiyifoɔ baa Hulda a
ɔyɛ Harhas ba Tikwa ba, ntadeɛ sohwɛfoɔ Salum yere nkyɛn, (nso na ɔte Yerusalem Fa
a ɛtɔ so Mmienu mu), na wɔne no kasae.
15Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn seɛ nie: Monkɔka nkyerɛ ɔbarima
a ɔsomaa mo me nkyɛn no sɛ:
16 Sɛ AWURADE seɛ nie: Hwɛ, mede bɔne bɛba ha ne ɛhafoɔ so, sɛdeɛ nwoma a Yuda hene
akenkan no mu nsɛm nyinaa teɛ,
17ɛsiane sɛ wɔagya me, na wɔakɔhye aduhwam ama anyame
foforɔ, sɛ wɔde wɔn nsa ano adwuma nyinaa rehuru me bo, enti m'abufuhyeɛ bɛdɛre
atia ha yi, na ɛrennum.
18 Na Yuda hene a ɔsomaa mo sɛ mommɛbisa AWURADE no deɛ, sɛ monka nkyerɛ no nie: Sɛ
AWURADE Israel Nyankopɔn seɛ nie: Nsɛm a woateɛ no deɛ,
19ɛsiane sɛ w'akoma yɛ bɛtɛɛ na woabrɛ wo ho ase AWURADE anim, sɛ wotee deɛ maka
no, ɛha yi ne ɛhafoɔ ho, sɛ wɔbɛdane amamfo ne nnome, na woasunsuane wo ntadeɛ mu
na woasu m'anim nti, me nso mate, AWURADE na ɔseɛ.
20Enti hwɛ, wobɛwu aka w'agyanom ho, na wɔsie wo damena mu asomdwoeɛ mu, na w'ani
renhunu bɔne a mede reba ha yi soɔ no nyinaa. Na wɔde asɛm no bɛsee ɔhene.
X-X-X
Ahemfo II 23
Ti 23
Yosia ti Nyankopɔn apam no mu
Na ɔhene no soma maa wɔkɔboaboaa Yuda ne Yerusalem mpanimfoɔ nyinaa ano baa ne
nkyɛn.
2Na ɔhene kɔɔ AWURADE fie, na Yuda mmarima nyinaa ne Yerusalemfoɔ nyinaa ne asɔfoɔ
ne adiyifoɔ ne ɔman mu no nyinaa, ɛfiri nketewa so kɔsi akɛseɛ soɔ ka ne ho. Na
ɔkenkanee apam nwoma a wɔhunuu no AWURADE fie no mu nsɛm no nyinaa guu wɔn nyinaa
aso mu.
3Na ɔhene gyinaa simpie no so, na ɔpam AWURADE anim, sɛ ɔde n'akoma nyinaa ne ne
kra nyinaa bɛdi AWURADE akyi, na wadi ne mmara nsɛm ne n'adansesɛm ne n'ahyɛdeɛ so,
sɛ ɔbɛma apam yi mu nsɛm a wɔatwerɛ no nwoma yi mu no atim. Na ɔman no nyinaa
gyinaa apam no so hyɛɛ bɔ.
Yosia gu abosonsom
4Na ɔhene hyɛɛ ɔsɔfo panin Hilkia ne asɔfoɔ a wɔdi soɔ no ne apono ano hwɛfoɔ no sɛ
wɔnyi nnoɔma a wɔayɛ ama Baal ne Asera no nyinaa ne ɔsoro asafo nyinaa mfiri
AWURADE fie no mu. Na ɔde firii Yerusalem kɔhyee, Kidron ho mfofowa mu, na ɔde ɛho
nso no kɔɔ Betel.
5Na ɔtutuu asɔfoɔ hunu a Yuda ahemfo sisiiɛ a wɔhyee nnuhwam Yuda nkuro mu, ne
Yerusalem ho sorɔnsorɔmmea soɔ, ne wɔn a wɔhyee nnuhwam maa Baal ne owia ne ɔsrane
ne ɔsoro-nsoromma ne ɔsoro asafo no nyinaa.
6Na ɔyii Asera no firii AWURADE fie de firii Yerusalem kɔɔ Kidron subonhwa ho, na
ɔhyee no Kidron subonhwa mu, na ɔyam no sɛ mfuturo na ɔde ne mfuturo no guu
nkurɔfoɔ mma adamena so.
7Na ɔbubuu nnwaman adan a ɛwɔ AWURADE fie, a mmaa nwonoo ntwamutam maa Asera wɔ mu
no.
8Na ɔkɔfaa asɔfoɔ no nyinaa firii Yuda nkuro mu bae, na ɔguu sorɔnsorɔmmea a asɔfoɔ
no hyee hɔ nnuhwam no ho fi, firi Geba kɔsii Beer-seba, na ɔdwirii sorɔnsorɔmmea a
ɛwɔ deɛ wɔfa hyɛne Kuro no so hwɛfoɔ Yosua pono a ɛwɔ kuro pono no mu benkum soɔ
no.
9Nanso sorɔnsorɔmmea asɔfoɔ no ammɔ AWURADE afɔrebukyia so afɔdeɛ Yerusalem, na
wɔdii apiti no bi, wɔn nuanom mu.
10 Na ɔguu Tofetb a ɛwɔ Hinom mma bonhwa mu no ho fi, na obiara amma ne babarima
anaa ne babaa amfa ogya mu amma Molek bio. 11 Na ɔyii apɔnkɔ a Yuda ahemfo de ama
owia no, AWURADE fie no ano, de kɔɔ opiani Natan-Melek da a ɛwɔ akyire abannwa mu
no ho, na owia nteaseɛnam no, ɔde ogya hyee.
12 Na afɔrebukyia a ɛwɔ Ahas abansorodan atifi a Yuda ahemfo sisiiɛ ne afɔrebukyia
a Manase sisii no AWURADE fie abannwa mmienu no soɔ no, ɔhene dwirii, na ɔyi firii
hɔ, na ɔde ne mfuturo kɔguu Kidron subonhwa mu.
13 Na sorɔnsorɔmmea a ɛwɔ Yerusalem anim a ɛwɔ ɔsɛeɛ bepɔ nifa soɔ a Israelhene
Salomo si maa Sidonfoɔ Astoret a ɛyɛ akyiwadeɛ ne Moabfoɔ Kemos, a ɛyɛ akyiwadeɛ ne
Amon mma Milkom a ɛyɛ atantanneɛ no, ɔhene guu ho fi.
14 Na ɔbubuu adum no, na ɔtwitwaa Asera nnua no, na ɔde nnipa nnompe guguu ananmu.
15Bio nso afɔrebukyia a ɛwɔ Betel, sorɔnsorɔmmea a Nebat ba Yeroboam a ɔmaa Israel
yɛɛ bɔne no yɛeɛ no, afɔrebukyia no nso ne sorɔnsorɔmmea no, ɔdwirii, na ɔhyee
sorɔnsorɔmmea no yam no pasaa maa ɛyɛɛ mfuturo, na ɔhyee Asera nnua no.
16 Na Yosia danee ne ho na ɔhunuu adamena a ɛwowɔ bepɔ no so hɔ no, na ɔsoma maa
wɔkɔfaa nna no mu nnompe bɛhyee no afɔrebukyia no so guu ho fi, sɛ AWURADE asɛm a
Nyankopɔn nipa a ɔkaa nsɛm yi no paee mu kaeɛ no teɛ.
17Ɛnna ɔbisaa sɛ: Nkaeɛ boɔ bɛn na ɛwɔ hɔ a mehunu yi? Na kuro no mufoɔ ka kyerɛɛ
no sɛ: Ɛyɛ Nyankopɔn nipa a ɔfirii Yuda baeɛ, na ɔbɛkaa adeɛ a woayɛ Betel
afɔrebukyia yi no damena. 18 Na ɔse: Momma no nna hɔ, mma obiara nnhwanyan ne
nnompe. Enti wɔanka ne nnompe ne odiyifoɔ a ɔfiri Samaria no nnompe.
19 Na sorɔnsorɔmmea adan a ɛwɔ Samaria nkuro mu a Israel ahemfo yeyɛeɛ sɛ wɔde
rehuru AWURADE bo no nyinaa nso, Yosia yiyi kɔe, na ɔyɛɛ no sɛdeɛ ɔyɛɛ no Betel no
ara.
20 Na ɔde sorɔnsorɔmmea asɔfoɔ a wɔwɔ hɔ no nyinaa bobɔɔ afɔrebukyia no so afɔdeɛ,
na ɔhyehyee nnipa nnompe wɔ wɔn so na ɔsane baa Yerusalem.
Yosia di Twam afahyɛ
21 Na ɔhene hyɛɛ ɔman no nyinaa sɛ: Monni Twam mma AWURADE mo
Nyankopɔn, sɛdeɛ wɔatwerɛ no apam nwoma yi mu no.
22 Na ɛfiri atemmufoɔ a wɔbuu Israel atɛn no berɛ so, ne Israel ahemfo ne Yuda
ahemfo nna nyinaa wɔnni Twam bi sɛ yei,
23gye Ɔhene Yosia afe a ɛtɔ so dunwɔtwe no mu na wɔdii Twam yi maa AWURADE wɔ
Yerusalem.
24Nanso asamanfrɛfoɔ ne adunsinfoɔ ne efie ahoni ne abosom ahoni ne akyiwadeɛ a
wɔhunuu no Yuda asase soɔ ne Yerusalem no nyinaa Yosia yi gui, sɛ ɔbɛma mmara nsɛm
a wɔatwerɛ no nwoma a Ɔsɔfoɔ Hilkia kɔhunuu no AWURADE fie no mu no atim.
25 Na ne nsɛso hene bi anni n'anim a ɔde n'akoma nyinaa ne ne kra nyinaa ne
n'ahoɔden nyinaa dane baa AWURADE nkyɛn sɛ Mose mmara no kyerɛ no, na n'akyiri nso
obi ansɔre a ɔte sɛ ɔno.
26Nanso AWURADE annane amfiri n'abufuhyeɛ kɛseɛ a ɛdɛre tiaa Yuda, abohuro a Manase
de huruu ne boɔ no nyinaa nti no mu.
27Na AWURADE kaa sɛ: Mɛyi Yuda nso afiri m'anim, sɛdeɛ meyii Israel no, na mapo
Yerusalem kuro a mafa yi ne efie a mekaa sɛ: Me din bɛtena hɔ, no.
28 Na Yosia ho nsɛm nkaeɛ ne deɛ ɔyɛeɛ nyinaa, wɔantwerɛ no Yuda Ahemfo Berɛsosɛm
Nwoma no mu.
Yosia wuo
29 Ne berɛ so na Misraimhene Farao Neko tu ba bɛnee Asiriahene koeɛ Eufrate
asubɔnten ho. Na Ɔhene Yosia sii mu kɔhyiaa no. Na Yosia bɛtoo no no, Asiria hene
kumm no Megido.
30 Na ne nkoa twee ne funu no teaseɛnam mu firi Megido de no baa Yerusalem, na
wɔsiee no ne da mu. Na asase no sofoɔ no faa Yosia ba Yehoahas sraa no sii no hene
n'agya ananmu.
Yehoahas di Yuda so hene
31Yehoahas bɛdii hene no, na wadi mfirinhyia aduonu mmiɛnsa,
na ɔdii hene abosome mmiɛnsa wɔ Yerusalem. Na ne na din de Hamutal a ɔyɛ Yeremia a
ɔfiri Libna babaa.
32 Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne sɛdeɛ n'agyanom yɛeɛ no ara.
33 Na Farao Neko kyekyeree no Ribla, Hamat asase so sɛ ɔnnni Yerusalem so hene, na
ɔde dwetɛ dwetikɛseɛ ha ne sika dwetikɛseɛ baako toɔ too asase no so.
Yehoiakim di Yuda so hene
34 Na Farao Neko de Yosia ba Eliakim sii hene n'agya Yosia ananmu, na ɔsakyeraa ne
din too no Yehoiakim. Na Yehoahas deɛ, ɔfaa no kɔɔ Misraim, na ɔkɔwuu wɔ hɔ.
35 Na dwetɛ ne sika no, Yehoiakim de maa Farao, nanso ɔbɔɔ asase no boɔ sɛ wɔmma
sika no sɛdeɛ Farao kaeɛ no, obiara sɛdeɛ ne boɔbɔ teɛ no, ɔgyee dwetɛ ne sika no
firii asase no so nkurɔfoɔ no nkyɛn, sɛ ɔde rekɔma Farao Neko.
36 Yehoiakim bɛdii hene no, na wadi mfirinhyia aduonu nnum, na ɔdii hene mfeɛ
dubaako Yerusalem. Na ne na din de Sebuda a ɔyɛ Pedaia a ɔfiri Ruma babaa.
37Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne sɛdeɛ n'agyanom yɛeɛ no ara.
X-X-X
Ahemfo II 24
Ti 24
Yehoiakim
Yehoiakim berɛ so na Babelhene
Nebukadnessar tu baeɛ, na Yehoiakim yɛɛ no akoa mfeɛ mmiɛnsa; na ɔdanee tee
Nebukadnessar so atua. 2Na AWURADE somaa Kaldeafoɔ asafo ne Siriafoɔ asafo ne
Moabfoɔ asafo ne Amon asafo baa ne so, na ɔsomaa wɔn baa Yuda so sɛ wɔmmɛsɛe no,
sɛdeɛ AWURADE asɛm a ɔnam ne nkoa adiyifoɔ so kaeɛ no teɛ no.
3AWURADE anomu asɛm nko so na yei nam baa Yuda soɔ, sɛ ɔbɛyi wɔn afiri n'anim,
Manase bɔne nti, sɛ deɛ ɔyɛeɛ no nyinaa, 4ne mogya a ɛdi bem nso a ɔka guiɛ, na ɔde
mogya a ɛdi bem hyɛɛ Yerusalem ma no nti. Na AWURADE ampɛ sɛ ɔde kyɛ.
5Na Yehoiakim ho nsɛm nkaeɛ ne deɛ ɔyɛeɛ nyinaa, wɔantwerɛ no Yuda ahemfo
berɛsosɛm nwoma no mu? 6Na Yehoiakim tii n'agyanom wɔ asamando, na-ne ba Yehoiakyin
bɛdii n'adeɛ.
7Na Misraimhene amfiri n'asase so amma bio, ɛfiri sɛ na Babel hene agye deɛ ɛyɛ
Misraimhene dea nyinaa afiri Misraim subonhwa ano kɔsi Eufrate asubɔnten ho.
Yehoiakyin. Tukorɔ
8 Yehoiakyin bɛdii hene no, na wadi mfirinhyia dunwɔtwe, na ɔdii hene abosome
mmiɛnsa wɔ Yerusalem. Na ne na din de Nehusta a ɔyɛ Elnatan a ɔfiri Yerusalem
babaa. 9Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne, sɛdeɛ n'agyanom yɛeɛ no ara.
10 Ɛberɛ no mu na Babelhene Nebukadnessar nkoa tu baa Yerusalem, na wɔtuaa kuro no.
11 Na Babelhene Nebukadnessar baa kuro no so, nso na ne nkoa aka no ahyɛ mu.
12Ɛnna Yudahene Yehoiakyin de ne ho kɔmaa Babel hene, ɔno ne ne na ne ne nkoa ne ne
mmapɔmma, ne n'apiafoɔ. Na Babel hene faa no, n'ahennie afe a ɛtɔ so nwɔtwe no mu.
13 Na ɔkɔfaa AWURADE fie akoradeɛ nyinaa ne ahemfie akoradeɛ firi hɔ kɔe, na
ɔtwitwaa sika nnoɔma a Israelhene Salomo yɛɛ no AWURADE aban mu no ho sika, sɛdeɛ
AWURADE kaeɛ no.
14 Na ɔtuu Yerusalem nyinaa ne mmapɔmma nyinaa ne mmarima a wɔbɛtumi nyinaa kɔe,
nnipa mpem du na ɔde wɔn kɔeɛ; adwumfoɔ ne atomfoɔ nyinaa ka ho, na wɔannya obiara,
gye asase no so nkurɔfoɔ ahiafoɔ nko.
15 Na ɔtuu Yehoiakyin kɔɔ Babel; na ɔhene na ne ɔhene yerenom ne n'apiafoɔ ne asase
no so atumfoɔ, ɔtuu wɔn firii Yerusalem de wɔn kɔɔ Babel,
16 ne mmarima akofoɔ nyinaa, mpemnson, ne adwumfoɔ ne atomfoɔ apem, wɔn nyinaa
mmarima a wɔtumi kɔ ɔsa, na Babel hene tuu wɔn de wɔn kɔɔ Babel.
17 Na Babel hene tuu Yehoiakyin adeɛ so, na ɔde ne wɔfa Matania a ɔsakyeraa ne din
frɛɛ no Sedekia no sii n'anan.
Sedekia di Yuda so hene
18 Sedekia bɛdii hene no, na wadi mfirinhyia aduonu baako, na ɔdii hene mfeɛ
dubaako wɔ Yerusalem. Na ne na din de Hamutal a ɔyɛ Yeremia a ɔfiri Libna babaa.
19 Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne sɛ Yehoiakim yɛeɛ no ara.
20 Na ɛnam AWURADE abufuo so na ɔtuu Yerusalem ne Yuda firii n'anim guiɛ.
X-X-X
Ahemfo II 25
Na Sedekia tee Babel hene so atua.
Ti 25
Yerusalem nkoguo
Na n'ahennie afe a ɛtɔ so nkron, bosome a ɛtɔ so du, da a ɛtɔ so du no, Babelhene
Nebukadnessar ne ne dɔm nyinaa baa Yerusalem so bɛkyeree so nsraban, na wɔtotoo ho
pie hyiae.
2Na wɔtuaa kuro no kɔsii Ɔhene Sedekia afe a ɛtɔ so dubaako no mu.
3Bosome a ɛtɔ so nnan da a ɛtɔ so nkron no, na ɛkɔm no mu ayɛ den kuro no mu, na
aduane biara nni hɔ mma asase no so nkurɔfoɔ no.
4Ɛnna wɔtuu kuro no fasuo mu tokuro, na ɔhene ne mmarima akofoɔ no nyinaa dwanee
anadwo faa afasuo mmienu a ɛwɔ ɔhene turo ho no ntam pono mu kɔe; nso na Kaldeafoɔ
no atwa kuro no ho ahyia; na wɔfaa Yordan bonhwa kwan so kɔe.
5Na Kaldeafoɔ dɔm tii ɔhene no, na wɔkɔtoo no Yeriko mpaperɛ so, na ne dɔm nyinaa
firii ne ho hwetee.
6Na wɔkyeree ɔhene no de no kɔmaa Babel hene wɔ Ribla, na ɔbuu no atɛn.
7Na wɔkunkum Sedekia mmammarima n'anim, na wɔbɔɔ Sedekia ani, na wɔguu no
nkɔnsɔnkɔnsɔn na wɔde no kɔɔ Babel.
8Na bosome a ɛtɔ so nnum da a ɛtɔ so nson a ɛne Babelhene Nebukadnessar afe a ɛtɔ
so dunkron mu no, ankɔbeahene Nebusaradan, Babelhene akoa no baa Yerusalem, 9na
ɔbɛhyee AWURADE fie ne ɔhene fie ne Yerusalem afie nyinaa, na ɔde ogya hyee afie
akɛseɛ nyinaa.
10 Na Kaldeafoɔ dɔm a wɔka ankɔbeahene no ho no dwirii Yerusalem afasuo no hyiae.
11 Na nkurɔfoɔ no nkaeɛ a wɔkaa kuro no mu, ne awaefoɔ a wɔwae kɔɔ Babel hene
nkyɛn, ne nkurɔfoɔ yuu no mu nkaeɛ no, ankɔbeahene Nebusaradan tuu wɔn kɔe.12 Na
asase no so ahiafoɔ no bi deɛ, ankɔbeahene no gyaa wɔn hɔ, sɛ wɔnyɛ bobeyɛfoɔ ne
akuafoɔ.
13 Na kɔbere mfrafraeɛ adum a ɛwɔ AWURADE fie no ne nsugyeɛ nnaka ne kɔbere
mfrafraeɛ po a ɛwɔ AWURADE fie no, Kaldeafoɔ bubui, na wɔsoaa kɔbere mfrafraeɛ no
kɔɔ Babel. 14 Na nkukuo ne sesa adeɛ ne adumgya ne nyowaa ne kɔbere mfrafraeɛ
nnoɔma a wɔde yɛɛ ɔsom adwuma no nyinaa, wɔfae.
15Saa nsramma kukuwa ne nkoraa no, deɛ ɛyɛ sika no, sika, ne deɛ ɛyɛ dwetɛ no dwetɛ
na ankɔbeahene no fa kɔeɛ.16 Adum mmienu no, ɛpo baako no ne nsugyeɛ nnaka a Salomo
yɛ maa AWURADE fie no, nnoɔma yi nyinaa kɔbere mfrafraeɛ no, wɔankari.
17Adum no baako korɔn yɛ basafa dunwɔtwe, na ɛso duntire no yɛ kɔbere mfrafraeɛ, na
duntire no korɔn yɛ basafa mmiɛnsa na ntentan ne atoaa aba nsɛsoɔ wowɔ duntire no
ho hyia, ne nyinaa yɛ kɔbere mfrafraeɛ. Na saa na odum a ɛtɔ so mmienu no nso teɛ,
ntentan no ho.
18 Na awɛmfoɔ panin no faa Ɔsɔfoɔ panin Seraia ne ɔsɔfoɔ a ɔdi soɔ, Sefania, ne
apono ano hwɛfoɔ baasa, 19 na kuro no mu nso ɔfaa opiani baako a wɔde no sii akofoɔ
no soɔ, ne ɔhene afotufoɔ mu mmarima baanum a wɔhunuu wɔn kuro no mu, ne ɔtwerɛfoɔ,
ɔsahene a ɔpɔn asase no so nkurɔfoɔ kɔ ɔsa no, ne asase no so nkurɔfoɔ mu mmarima
aduosia a wɔhunuu wɔn kuro no mu,
20 na ankɔbeahene Nebusaradan faa wɔn de wɔn kɔɔ Babel hene anim wɔ Ribla. 21 Na
Babel hene bobɔɔ wɔn kunkumm wɔn Ribla wɔ Hamat asase so. Saa na wɔtuu Yuda firii
wɔn asase soɔ.
Wɔdi Gedalia awu
22 Na nkurɔfoɔ a wɔkaa Yuda asase soɔ a Babelhene Nebukadnessar maa wɔkaeɛ no, ɔde
Safan ba Ahikam ba Gedalia sii wɔn so amrado. 23 Na dɔm no asafohene nyinaa, wɔn ne
wɔn mmarima tee sɛ Babel hene de Gedalia asi ɔhwɛfoɔ no, wɔbaa Gedalia nkyɛn wɔ
Mispa, Netania ba Ismael ne Karea ba Yohanan ne Netofani Tanhumet ba Seraia ne
Maakatni bi ba Yaasania, wɔn ne wɔn mmarima.
24 Na Gedalia kaa wɔn ne wɔn mmarima ntam, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monnsuro Kaldeafoɔ
nkoa no, montena asase yi so, na monsom Babel hene, na ɛbɛwie mo yie. 25 Na bosome
a ɛtɔ so nson no, Elisama ba Netania ba Ismael a ɔfiri ahemfo abusua mu bae, na
mmarima du ka ne ho, na wɔbɛkum Gedalia ne Yudafoɔ ne Kaldeafoɔ a wɔka ne ho Mispa
no nso.
26Ɛnna nkurɔfoɔ no nyinaa, ɛfiri akumaa so kɔsi ɔkɛseɛ soɔ, ne dɔm so asafohene no,
sɔre kɔɔ Misraim, ɛfiri sɛ na wɔsuro Kaldeafoɔ no.
Adom a wɔde dom Yehoiakyin
27 Na ɛbaa sɛ Yuda hene tukorɔ afe a ɛtɔ so aduasa nson bosome a ɛtɔ so dummienu da
a ɛtɔ so aduonu nson, ɛne afe a Babelhene Ewil-Merodak dii mu hene no, nam adom so
yii Yudahene Yehoiakyin firii nneduadan mu,
28 na ɔne no kasaa kasa pa, na ɔmaa n'adwa so maa no kyɛnee ahemfo a wɔne no wɔ
Babel no adwa,
29 na ɔmaa no yii n'afiase ntadeɛ, na ɔdidii n'anim daa ne nkwa nna nyinaa.
30 Na nnoɔma a ɛfiri ɔhene nkyɛn a wɔde ma no no, da biara no, wɔde maa no ne nkwa
nna nyinaa.
X-X-X